Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo.” Efi saa bere no mu no, ne ho tɔɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo.” Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:22
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babea no ho yɛɛ no den.


Na Yesu teɛteɛɛ no, na honhommɔne no fii ne mu, na efi dɔn no ara mu na abofra no yare no gyaee.


Na Yesu see asraafo ha so panyin no sɛ: Kɔ, na sɛnea woagye adi no, ɛnyɛ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu n’abofra no ho tɔɔ no.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn aniwa kae sɛ: Sɛnea mo gyidi te no, ɛnyɛ saa mma mo!


Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidi agye wo! Na ntɛm ara ohuu ade, na odii n’akyi ɔkwan no so.


Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!


Na osee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo.


Na Yesu see no sɛ: Hu ade! Wo gyidi agye wo.


Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!


Ɛnna agya no hui sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fifo nyinaa gye dii.


Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu,


Na ɔyɛɛ eyi nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Fi adi fi ne mu! Na dɔn no ara mu ofii adi.


Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔtee no ho mfaso, efisɛ ɛne gyidi no ankɔ bɛn koro mu, wɔn a wɔtee no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios