Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:18
25 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Naaman bo fuwii, osiim kɔe kae sɛ: Hwɛ, misusuwii sɛ: Ofi na obefi aba abegyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.


Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.


Na ɔbea no bae bɛkotow no sɛ: Awurade, boa me!


Na woduu nkurɔfokuw no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotow no kae se:


Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotow no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.


Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye.


Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.


Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!


Nanso wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nkotoku no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na kotoku no asɛe. Na wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu, na n’abien nyinaa ayɛ yiye.


Na Yesu sɔre ne n’asuafo no dii n’akyi.


ɔkae sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔserew no.


Na hyiadan no mu panyin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu asa ɔyare homeda bua see nkurɔfokuw no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.


Na ɔpanyin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?


Na asraafo ha so panyin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.


Yesu see no sɛ: Mene owusɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa.


Ɛnna Maria duu faako a Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔkotow ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuammarima anwu.


Na wowiee mmara ne adiyifo no kenkan no, hyiadan no mu mpanyimfo soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!


Na ɛbae sɛ Publio n’agya da hɔ yare atiridii ne ayamhwie; enti Paulo kɔɔ no nkyɛn, na ɔbɔɔ mpae de ne nsa guu no so saa no yare.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios