Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how, na wobua da ana? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ, sɛ ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:15
22 Referencias Cruzadas  

Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,


Ɛnna Yohane asuafo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?


Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforohyia ahɔho no betumi adi mmuada anaa? Mmere dodow a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn no de, wɔrentumi nni mmuada.


Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno mu na wobedi mmuada.


Na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mubehu Onipa Ba no nna no mu biako, na morenhu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mubetumi ama ayeforo asefo no adi mmuada, bere a ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi?


Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wobedi mmuada.


Na sɛ maka eyinom makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma.


Nea ayeforo wɔ no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na otie no de, ogye na n’ani gye, ayeforokunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ.


Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ.


adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsi pii mu, ɔkɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔw ne adagyaw mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni.


Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios