Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfo a wɔte sɛɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte sɛɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:11
14 Referencias Cruzadas  

wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho tew sen wo no. Eyinom ne me hwene mu wusiw, ogya a ɛdɛw daa adesae.


Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na munya? Towgyefo nso nyɛ saa anaa?


Na ɛbae sɛ ɔte adidii wɔ fie no, hwɛ, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii bae ne Yesu ne n’asuafo no bɛtenaa adidii.


Na kyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi yi?


Na nkurɔfokuw no hui no, wɔn nyinaa nwiinwii kae sɛ: Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.


Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi?


sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafo mu, na wo ne wɔn akodidi yi?


Yɛn de, yefi yɛn awosu mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfo.


sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.


Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios