Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 8:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ”.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 8:22
17 Referencias Cruzadas  

Na ogyaw anantwi no, na otuu mmirika dii Elia akyi kae sɛ: Ma menkɔkra m’agya ne me na, na mimmedi w’akyi! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ bio, na dɛn na mayɛ wo yi?


Na asuafo no mu ɔfoforo bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na minkosie m’agya ansa.


Na Yesu fi hɔ retwam no, ohuu onipa bi a ɔte atowgyei a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


Na ɔretwam no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! Na ɔsɔre dii n’akyi.


efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.


Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforo sɛ: Di m’akyi! Na ɔno de, ose: Ma me kwan na minkosie m’agya ansa.


Na Yesu see no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!


Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


(Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.) Na ɔkaa eyi no, osee no sɛ: Di m’akyi!


Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di m’akyi!


Na mo a anka moyɛ awufo wɔ mfomso ne bɔne mu,


ama yɛn a anka yɛyɛ awufo mfomso mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)


Enti na ose: Wo a woada, nyan, na sɔre fi awufo mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.


Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn,


Na nea ɔbɔ ahohwi no de, ɔyɛ teaseawu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios