Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 8:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔkyerɛwfo bi bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛhɔ ara Yudani ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyiri!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔkyerɛwfo bi bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 8:19
9 Referencias Cruzadas  

ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.


Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wiase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wiase nyansa nkwaseasɛm anaa?


Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ medi awɔw bere nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkɔ no, moagya me kwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios