Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani so, na w’ankasa ani so mpuran de, wunhu?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Adɛn na woma dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani so, na w’ankasa ani so mpuran de, wunhu?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 7:3
10 Referencias Cruzadas  

Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi dua no mfi w’ani so, na hwɛ, mpuran wɔ w’ani so?


Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’ani so kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi dua no afi wo nua ani so.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo.


Enti, wo nipa biara a wubu atɛn no, anoyi bi nni hɔ mma wo; efisɛ nea wubu obi atɛn wɔ mu no, wubu wo ankasa wo ho fɔ, efisɛ wo a wubu atɛn no, woyɛ saa ade no ara.


Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios