Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 7:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 7:22
23 Referencias Cruzadas  

Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na nnipa ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


nea ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, nea ohu Tweaduampɔn anisoade, na ɔrehwe ase a, wɔtew n'ani so no:


na wokum Midian ahemfo nso kaa wɔn a ɛtotɔe no ho. Median ahemfo a wokum wɔn yɛ baanum a wɔne: Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba, na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrante kum no.


Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.


Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara.


Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, bue yɛn!


Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.


Na mise mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanim Sodom asen kurow no.


Na eyi de, emfi n’ankasa ne tirim na ɔkae, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin afe no ara mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no,


Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo.


bere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu. Na wɔnhwɛ n’anwonwade wɔ wɔn a wɔagye adi nyinaa mu, efisɛ wɔagye yɛn adanse a yedii mo no adi, ɛda no ara mu.


Ɛno ara nti na mihu amane yi nso, nanso m’ani nwu ho; efisɛ minim onii ko a magye no madi, na migye midi sɛ obetumi ahwɛ nea wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Awurade mma onnya Awurade hɔ mmɔborohunu ɛda no! Na som a ɔsomee Efeso no, wo ara wunim yiye.


Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios