Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 7:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu hyew no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 7:19
13 Referencias Cruzadas  

Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abaa; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abaa so.


Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.


Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa.


Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw sɛ dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.


Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Na nea efifi nsɔe ne ohwirem no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awiei ne ɔhyew.


Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios