Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 7:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 “Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 7:15
54 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifo sɛ wo, na ɔbɔfo bi de AWURADE asɛm aka akyerɛ me sɛ: Kɔsan no na ɔne wo mmra wo fi, na ommedidi na ɔnnom. Nanso atoro na odi kyerɛɛ no.


Sɛɛ na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka, Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntoro no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, na wakum wɔn mo anim.


sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefo aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, obehu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm ni, efisɛ waka atuatew atia AWURADE.


Israel adiyifo a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wohuu asomdwoe ade maa no, nanso asomdwoe bi nni hɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Esiane sɛ mode atoro ma ɔtreneeni a me de, menhyɛɛ no awerɛhow no koma tutu, na mohyɛ ɔbɔnefo nsam den, sɛnea ɛbɛyɛ na wansan amfi ne kwammɔne so na wannya nkwa nti,


N’adiyifo atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tetew ne hanam, wokunkum nnipa, wɔfa ahonyade ne aboɔdenne, wɔma emu akunafo dɔɔso wɔ so.


Ne mmapɔmma a wɔwɔ so no te sɛ mpataku a wɔtetew hanam, sɛ wobehwie mogya agu na wɔakunkum nnipa, nea ɛbɛyɛ na wɔanya mfaso bɔne adi.


Na sɛ wɔtotɔ saa a, wɔde ɔboa ketewa bi na ɛbɛboa wɔn, na nnipa bebree de adɔkɔdɔkɔsɛm bɛbata wɔn ho.


Emu atitiriw gye ademmude bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm, nanso wotweri AWURADE ka sɛ: So ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntam yi? Bɔne bi remma yɛn so.


Na ɛda no, adiyifo no ani bewuwu wɔn adehu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfura nwi nguguso mfa nsisi bio.


Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wɔbeyi mo ama mpanyimfo agua, na wɔaka mo mpire wɔn hyiadan mu.


Ɛdɛn nti na munhu sɛ ɛnyɛ abodoo ho asɛm na meka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho!


Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho!


Na adiyifo atorofo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.


Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye pɛpɛe ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.


Nnipa nyinaa kasa mo ho yiye a, munnue! Na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ atoro adiyifo no.


na ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo na nguan no nyɛ ne dea no hu pataku sɛ ɔreba a, ogyaw nguan no guan; na pataku no bɛkyere wɔn bɔ wɔn hwete.


Enti monhwɛ yiye, na asɛm a wɔaka no adiyifo mu no amma mo so sɛ:


Na wotwaam supɔw no so koduu Pafo no, wohuu osumantuni atoro diyifo bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.


Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu;


Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so.


Monhwɛ yiye akraman no ho, monhwɛ yiye adwumayɛfo bɔne no ho, monhwɛ yiye wɔ twetiatwafo no ho!


Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum;


Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.


Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.


Enti, adɔfo, sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.


Na mihuu ahonhom fi abiɛsa a wɔte sɛ mpɔtorɔ sɛ wofi ɔtweaseɛ no anom ne aboa no anom ne atoro diyifo no anom.


Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no, na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios