Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wo de, worebɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wobɔ mpae a, hyɛn wo dan mu, na to wo pon mu, na bɔ wʼAgya a wonhu no no mpae, na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm no betua wo ka.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wobɔ mpaeɛ a, hɔ wo dan mu, na to wo ɛpono mu, na bɔ wʼAgya a wɔnhunu no mpaeɛ, na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm no bɛtua wo ka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na wo de, worebɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:6
17 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pon mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae.


AWURADE ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.


na wobɛsɔ nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.


Me man, bra na bɛhyɛ wo mpia mu, na toto w’akyi apon mu; fa wo ho hintaw kakraa bi kosi sɛ abufuw no betwam akɔ.


Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.


Na owiee nkurɔfo akuwakuw no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔw so fa baabi mpaebɔ. Na onwini dwoe no, na aka ne nko wɔ hɔ.


na nnipa anhu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


Natanael see no sɛ: Ɛdɛn na wode huu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma no ase no na mihuu wo.


Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,


Na ade kyee no, bɛyɛ sɛ owigyinae a wɔnam kwan so rebɛn kurow no no, Petro kɔɔ aban no atifi kɔbɔɔ mpae bɛyɛ awia dummien.


Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


Na wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen ɔhonam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen honhom de.


Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios