Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 “Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 “Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:25
22 Referencias Cruzadas  

Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.


Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Dan w’adesoa to AWURADE so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.


Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura?


na ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, emia asɛm no na ɛnsow aba.


Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.


Na mepɛ sɛ anka muyi adwennwen fi mo so. Nea ɔnwaree nsusuw Awurade fam nneɛma ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani,


Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.


Obi nkɔ ɔsa mfa daa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.


Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye.


Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.


Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen nea mode beyi mo ho ano anaasɛ nea mobɛka ho,


Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho ansa; na nea wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka! Efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.


Na wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so, AWURADE asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios