Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yiye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso sɛ wʼaniwa nye a, ɛma wo nipadua no nyinaa dan sum tumm. Enti sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, na wo nipadua no yɛ sum kabii.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo onipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo onipadua no yɛ esum kabii.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yiye.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:23
22 Referencias Cruzadas  

Na nea ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na onnim nea ɔrekɔ, efisɛ esum no afura n’ani.


Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.


Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim.


Wuhu onipa a ɔyɛ n’ankasa ani so nyansafo a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.


Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.


Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu.


Wose wɔyɛ anyansafo no, wɔdan nkwasea,


Na kan no na moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma,


Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase.


Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn.


anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi?


ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Wo nipadua kanea ne w’aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ enye a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios