Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Sɛ mudi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛnea nyaatwomfo di mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Sɛ modi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:16
25 Referencias Cruzadas  

Na Dawid paa Onyankopɔn kyɛw maa abofra no; na Dawid bua dae na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam anadwo no.


Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Asɛm bɛn na woadi yi? Akokoaa no da so te ase no, wubua dae na wusui; na akokoaa no wui mmom no woasɔre adidi.


Na Ahab tee nsɛm yi no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam guu ne ho so, na odii abuada, na ɔdaa atweaatam no mu, na ɔnam siamoo.


Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim,


Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.


Abuada nti me nkotodwe popo, na me honam afɔn, na srade apa mu.


Na me de, wɔyare a, mehyɛ atweaatam, mede mmuada mebrɛɛ me kra ase, na mebɔɔ mpae ma ɛsan beguu me kokom.


Na me kra suu mmuada mu, na ɛdan me ahohorabɔ.


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


Moaka se: Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfaso bɛn sɛ yɛhyɛ n’ahwɛde na yɛnantew birisi mu, asafo Awurade anim?


Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.


Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Na Yohane asuafo ne Farisifo redi mmuada; na nnipa bi bebisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?


Midi mmuada nnawɔtwe mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema.


Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,


Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ.


adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsi pii mu, ɔkɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔw ne adagyaw mu.


ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, apɛsi mu, mmuada mu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios