Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Nhyira ne wɔn a wɔboa ma asomdwoe ba, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn mma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nhyira ne apatafo, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn mma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Nhyira ne wɔn a wɔboa ma asomdwoe ba, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:9
31 Referencias Cruzadas  

Na Dawid fii adi baa wɔn anim na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asomdwoe so na moba me nkyɛn sɛ morebɛboa me a, ɛnne menya mo ho koma pa sɛ yɛbɛyɛ biako. Na sɛ morebeyi me ama m’atamfo a, ɛnne amumɔyɛ bi nni me nsam yi, yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.


Me kra ne wɔn a wɔtan asomdwoe atena akyɛ dodo.


Mo mu hena na ɔhwehwɛ nkwa, na ɔpɛ onyinkyɛ sɛ obehu papa?


na monyɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.


Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no.


Nso wontumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfo, na wɔyɛ Onyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyan mma ntia.


Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.


Na ade kyee no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kae sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moyɛ mo ho bɔne?


Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.


Na dodow a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma.


Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.


Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi.


Adɛn na onua de onua kɔ asɛnnii wɔn a wonnye nni anim yi?


Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.


Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Onyankopɔn nka mmom.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,


Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,


Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu.


Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.


Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios