Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyeyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no wɔ mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se, ‘Ogyimifo’ no bɛkɔ amanehunu gya mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua sɛ, ‘Ogyimifoɔ’ no, ɔbɛkɔ amanehunu ogya mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:22
93 Referencias Cruzadas  

Na ne nuanom hui sɛ wɔn agya dɔ no sen wɔn anuanom nyinaa no, wokyii no, na wɔamfa abodwo ne no ankasa.


Na ne nuanom no ka kyerɛɛ no sɛ: So odi na wubedi yɛn so hene? Anaasɛ ɔhyɛ na wobɛhyɛ yɛn so? Na ne dae ne ne nsɛm no nti wɔkɔɔ so tan no pii.


Na Simei redome no, sɛ ɔkae ni: Fi adi kɔ, fi adi kɔ, mogyapɛfo, onipa huhuni!


Ɛnna Dawid san behyiraa ne fi. Na Saul ba Mikal fii adi behyiaa Dawid na ɔkae sɛ: Anuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho animguase so a n’ani mmu no dwɛ yi!


Ɛnna Ahab kɔɔ ne fi, a na wakum n’anim na odi yaw, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti, sɛ osee no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyade memma wo. Na ɔdaa ne mpa so dan n’ani, na wannidi.


Na Asa nyaa ɔdehufo no ho abufuw, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, efisɛ ɔfaa no eyi ho abufuw. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛbere no mu.


Na osisii atemmufo asase no so, Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu mmiako mmiako.


na misee wɔn sɛ: Yɛn de, yɛagye yɛn nuanom Yudafo a wɔtontɔn wɔn maa amanaman no, sɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, motontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na wonhu asɛm a wɔde bebua.


na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa.


Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wotwa nkontompo kwa na wɔn ani bewu.


Mma m’atamfo atorofo no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtan me kwa no mmmu me anikyiw!


Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko,


Na ohu sɛ anyansafo wuwu, ne saa nso na nkwasea ne agyimifo sɛe, na wogyaw wɔn ahode ma ebinom.


Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi, m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso, nea memfae no, wose mennan memma.


sɛ mayɛ nea ɔne me te asomdwoe mu bɔne, na madi nea ɔhaw me kwa no amim bi a,


Ogyimifo nnim, na ɔkwasea nhu eyi mu.


Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodaso fa mu.


Ɔkwasea ano ma ntɔkwaw ba, na n’afono frɛfrɛ asotɔre.


Nea ɔpɛ ade anya na onnya no trenee so no te sɛ akokɔhwerew a obutuw nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee so, obebu ne nna mu fa agyaw, na n’awiei mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.


M’atamfo taa me kwa sɛ anomaa.


Ɛnna Nebukadnesar de abufuw ne anibere kae sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Ɛnna wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.


Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,


Atirimmɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwu bɛkata wo ho, na wɔatwa wo akyene akosi daa.


Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wo nua, ɛda a abu buu no no; ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma ho, wɔn sɛe da no; ɛnsɛ sɛ anka wohyehye wo ho, ahohia da no;


Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wɔbeyi mo ama mpanyimfo agua, na wɔaka mo mpire wɔn hyiadan mu.


Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.


Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.


Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!


Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Enkosi mpɛn ason anaa?


Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso ankyɛ no a, me soro agya nso bɛyɛ no nen.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ara.


Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu kurom atemmu?


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no,


Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na me de, mise mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua.


Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo no;


Na asɔfo mpanyimfo ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanse pɛe sɛ wokum no, nanso wɔannya bi.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro nea okum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; yiw, mise mo sɛ: Oyi na munsuro no!


Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii


Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.


Na ɛyɛe na asɛm a wɔakyerɛw no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtan me kwa.


Nkurɔfokuw no buae sɛ: Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo?


Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?


Na Epikurofo ne Stoafo anyansafo bi nso ne no dii anobaabae. Ebinom kae sɛ: Ɔpɔtɔnii yi se dɛn ni? Na ebinom se: Wayɛ sɛnea ɔka abosom ahɔho bi ho asɛm (efisɛ ɔkaa wɔn Yesu ne ɔsɔre ho asɛmpa no.)


Na ade kyee no, ɔpɛe sɛ ohu dekode a enti Yudafo toto n’ano no mu nokware nti, ɔsan no fii ne nkyehama mu, na ɔhyɛe sɛ asɔfo mpanyin ne wɔn baguafo nyinaa mmra, na ɔma wɔde Paulo bae begyinaa wɔn anim.


Na Paulo gyen n’ani hwɛɛ baguafo no kae sɛ: Anuanom, me de, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi.


Anaasɛ eyinom nka sɛ migyina baguafo no anim no, wohuu me ho ade a ɛnteɛ bi anaa,


Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ womfi guam hɔ mfi adi no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho


Na wɔtee no, wɔkɔɔ asɔrefi ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panyin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ baguafo ne Israel mma mpanyimfo nyinaa hyiae na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.


Na wɔde wɔn bae begyinaa wɔn gua no mu, na ɔsɔfo panyin no bisaa wɔn


Na wɔhwanyan ɔman no ne mpanyimfo ne Akyerɛwfo no mu, na wɔbaa no so bɛkyeree no twee no kɔɔ gua mu.


Na wɔn a wɔte guam hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wohui sɛ n’anim te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.


Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.


Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.


awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.


Adɛn na onua de onua kɔ asɛnnii wɔn a wonnye nni anim yi?


Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo brɛfo ne wo hiani a ɔwɔ w’asase so.


Sisi wo so atemmufo ne mpanyimfo, wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ wo mmusuakuw te no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no.


sɛ obiara nntra nnkosisi ne nua asɛm bi mu, efisɛ Awurade ne eyinom nyinaa weretɔfo, sɛnea yɛka kyerɛɛ mo kan na yedii mo adanse no.


wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.


Monhwɛ na moampo nea ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo nea ɔkasae asase so no amfi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdan fi nea ofi soro kasa no ho a, yebeguan?


na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae,


Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wuhu sɛ gyidi a adwuma nni ho awu anaa?


Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano.


Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanhunahuna, na mmom ɔde n'asɛm hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.


Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛɛ mo, sɛ mummegye nhyira.


Nea ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de besi sesɛɛ.


Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.


Sɛ obi hu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owu mu; ɛno ho de, menka sɛ ommisa.


Nanso Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi apereapere kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: Awurade nka w’anim!


Na wɔtow owu ne Asamando kyenee ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios