Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu biako na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa ɔsoro ahenni mu; na obiara a obedi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛse ɔsoro ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Yei enti, obiara a ɔbɛbu mmaransɛm no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso abu mmaransɛm no mu fa bi so no, ɔbɛyɛ akumaa ɔsoro ahennie mu. Na obiara a ɔbɛdi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso adi mmara no soɔ no, ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu biako na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa ɔsoro ahenni mu; na obiara a obedi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛse ɔsoro ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:19
38 Referencias Cruzadas  

Enti mibu ade nyinaa mu nsiesiei nyinaa sɛ ɛteɛ, metan nkontompo kwan nyinaa.


Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a, ɛnne anka m’ani renwu.


Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.


Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo,


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.


Na mo Farisifo, munnue sɛ moma ɛme ne onunum ne fan nyinaa so ntotoso du du, na mugyaw atemmu ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nea ɛka ho no.


na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.


Teofilo, kan nhoma a meyɛe no fa nneɛma a Yesu fii ase yɛe na ɔkyerɛkyerɛe nyinaa,


Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛnea wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse: ) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛnea ɛfata.


Enti afei yebeka dɛn? Yɛntena bɔne mu na ɔdom no nnɔɔso anaa?


Ɛnne na ɛdɛn? Yɛnyɛ bɔne, efisɛ yenni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabida.


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi so bi.


Nnome nka nea ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.


Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.


Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa.


Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no.


Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato.


Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbea Yesebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ aguaman na wonni nam a wɔakum ama abosom.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios