Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Munhu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Monhunu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kɔsi sɛ ne nyinaa bɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:18
82 Referencias Cruzadas  

Na ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwam sen sɛ mmara no ho nsensanee ketewa biako bɛtɔ.


Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.


na Awurade asɛm de, ɛte hɔ daa. Na eyi ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.


Nokware mise mo sɛ: Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba ansa.


Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ asase wɔ fam, na ɔsoro bɛyera sɛ owusiw, na asase asuw sɛ atade, na ɛsofo awuwu sɛ nwansena, na me nkwagye bɛtena hɔ daa, na me trenee rensa da.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Ɛno de, ɛbɛsɛe, na wo de, wutim hɔ daa. Wɔn nyinaa besuw sɛ atade, wɔbɛsakra wɔn sɛ atade, na wɔasakra.


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.


Na nokware mise mo sɛ, adiyifo ne atreneefo pii pɛe sɛ wohu nea muhu yi, na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu, na wɔante nso.


Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Nokware mise wo sɛ, woremfi hɔ, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyiri no ansa.


Mihuu w’adansesɛm mu akyɛ, sɛ woama atim sɛ ensi hɔ daa.


Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, woyɛ aberante no, wobɔɔ abɔso, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wunya bɔ akora a, wobɛteɛ wo nsa, na obi abɔ wo abɔso, na ɔde wo akɔ nea wompɛ.


Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn.


Yesu buaa no sɛ: Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa!


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo;


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhu wu ara da.


Yesu buaa wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m’Agya na ɔma mo nokware abodoo a efi soro no.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.


Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse; nanso munnye yɛn adanse no.


Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.


Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.


Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Obi nni hɔ a wagyaw ofi anaa ɔyere anaa anuanom anaa awofo anaa mma Onyankopɔn ahenni nti,


Nokware mise mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa.


Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo. Na mise mo sɛ: Morenhu me, gye da a ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam Awurade din so reba no!


Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛbɔ n'abɔso, na wama wɔatena adidii, na waba abɛsom wɔn.


efi Habel mogya so de kosi Sakaria a ɔtɔe afɔremuka ne asɔredan ntam no mogya so. Yiw, mise mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.


Na Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.


Nokware mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akosi da a mɛnom no foforo Onyankopɔn ahenni no mu.


Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama.


Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae.


Na ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Okunafo hiani yi de nea ɛdɔɔso abegu mu sen wɔn a wɔde bi beguu tow adaka no mu nyinaa.


Na nokware mise mo sɛ, obiara a obese bepɔw yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe po mu na onnye akyinnye ne koma mu, na obegye adi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.


Na Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nua mmarimanom, anaa nuammeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti,


Nokware mise mo sɛ: Obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa.


Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba.


Na oguu ahome ne honhom mu kae sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne yi? Nokware mise mo sɛ: Wɔremma nnɛ mma yi sɛnkyerɛnne biara.


Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse.


Nokware mise mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bekyɛ wɔn;


Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo.


Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munhu eyinom? Nokware mise mo sɛ: Wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so ɛha a wɔrennwiriw ngu fam.


Nokware mise mo sɛ, eyinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so.


Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.


Nokware mise mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere ɔsoro; na biribiara a mobɛsan asase so no, na wɔasan ɔsoro.


na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.


Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.


Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.


Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔmpɛ odiyifo biara agye no n’agya kurom.


Etintim hɔ daa daa, wɔayɛ no nokware ne tee mu.


nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu; nea ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa ntena mu! Ne Yuda nkurow ho sɛ: Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios