Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:15
10 Referencias Cruzadas  

Na yɛ ɛso akanea asɔn, na wɔmfa n'akanea no nsisi so, na ɛnnɛw wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.


na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mise: Mihu, ɔkaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ngo toa taa atifi, na n’akanea ason wowɔ so na adorobɛn ason ason wɔ hɔ ma atifi akanea no.


Ka kyerɛ Aaron sɛ Wode akanea no sisi akaneadua no so a, akanea ason no nnɛw wɔ so nkyerɛ anim.


Na osee wɔn sɛ: So wɔde kanea ba sɛ wɔde bɛhyɛ kora anaa mpa ase? Ɛnyɛ sɛ wɔde besi kaneadua so?


Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa ɔkorow ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahu ne haran.


Enti sɛ wo nipadua nyinaa yɛ hann na baabiara nni sum a, ne nyinaa bɛyɛ hann, sɛnea kanea de ne hyerɛn ma wo hann no.


Na obi nsɔ kanea mfa ade nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahu kanea no.


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


Efisɛ wosii ntamadan bi a wɔkɔ mu kan a ɔkaneadua ne ɔpon ne abodoo a egu so wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.


Enti kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea, gye sɛ wosakra w’adwene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios