Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:11
32 Referencias Cruzadas  

Adansefo nkontompofo sɔre; ade a minnim na wobisa me.


Na wo nti na wokum yɛn daa nyinaa, wobu yɛn sɛ nguan a wokokum wɔn.


Na AWURADE bɛpopa aniwa nyinaa mu nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ AWURADE na waka.


Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdasani ahohorabɔ na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo,


Muntie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo: Mo nuanom a wɔtan mo a me din nti wotu mo no ka sɛ: AWURADE nnya anuonyam na yenhu mo anigye; nanso wɔn ani bewu.


Na Yeremia se: Ɛyɛ atoro! Menyɛ nea wawae rekɔ Kaldeafo nkyɛn. Na Yiria antie no, na osoo Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman.


Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo, ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ ofiwura no Beelsebul a, mpɛn ahe na wɔremfa mfrɛ ne fifo?


Nea ne nsa aka ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra fii ne nsa no, ne nsa bɛka.


Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa.


Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.


Na wɔn a wɔretwam no wosow wɔn ti kaa abususɛm tiaa no


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.


na ennye ntini wɔn mu, wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua.


Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa; na nea ne kra befi ne nsa me ne asɛmpa no nti no, wobegye no nkwa.


Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔbɔ mo dimmɔne onipa ba no nti.


Na obiara a ɔpɛ sɛ obegye ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra befi ne nsa no, obegye no nkwa.


Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.


Wɔyaw no, na wɔkae sɛ: Wo na woyɛ ne suani; yɛn de, Mose asuafo ne yɛn.


Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu.


Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguanten a wɔrebekum wɔn.


Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, na mo de, moyɛ anyansafo, Kristo mu; yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den. Mo de, moyɛ anuonyamfo, na yɛn de, yɛyɛ ahohorafo.


Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, daa Yesu nti woyi yɛn ma owu, na Yesu nkwa nso ada adi yɛn honam a ebewu no mu.


efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso,


Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanhunahuna, na mmom ɔde n'asɛm hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.


Sɛ wɔyaw mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, efisɛ anuonyam ne Onyankopɔn honhom wɔ mo so.


Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahu amane nanso woampa abaw.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios