Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:9 - KYERƐW KRONKRON

9 na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 na ɔsee no sɛ: Sɛ wobɛkoto asɔre me a, anka mede yeinom nyinaa bɛma wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 na ɔsee no sɛ: Sɛ wobɛkoto asɔre me a, anka mede yeinom nyinaa bɛma wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:9
21 Referencias Cruzadas  

Na ahene nyinaa bɛkotow asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no.


Me so na ahene nam di hene, na atitiriw hyɛ mmara trenee;


na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.


sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.


na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti,


Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.


ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wiase sodifo no atɛn.


wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.


Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoman anhwe ɔbonsam atemmu mu.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios