Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Yesu see no sɛ: Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Yesu see no sɛ: Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu buaa bio se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Yesu see no sɛ: Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu buaa bio sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Yesu see no sɛ: Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:7
21 Referencias Cruzadas  

Na wɔn kɔn dɔe ntraso sare so, na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe nkyerekyerewa so.


Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn komam, bisaa no aduan sɛnea wɔn kɔn dɔe,


Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.


Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tew no ahi, na n’adansesɛm no, wɔanni so.


bere a mo agyanom gyigyee m’ano, na wɔsɔɔ me hwɛe no, nanso wɔanya me nnwuma nhui.


Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?


Na Israelfo no ham ne ɔsɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛe sɛ: So AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ onni yɛn mu no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba, ase ne: Sɔhwɛ ne Ɔham.


Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn.


Na afei yɛn de, yebu ahantanfo ahotɔfo; wɔn a wodi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wofi mu guan nso.


mmarima no a wohuu m'anuonyam ne me nsɛnkyerɛnne a meyɛe Misraim ne sare so no a wɔasɔ me ahwɛ mpɛn du ni na wɔantie me nne no nyinaa,


na wobisaa no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu ano na woasiesie ayeyi, anaa?


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?


Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.


Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ!


Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔndua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafo no kɔn so?


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no.


Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛnea mosɔɔ no hwɛe Masa hɔ no;


nea mo agyanom gyigyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛe, na wohuu me nnwuma mfirihyia aduanan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios