Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:24 - KYERƐW KRONKRON

24 Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:24
41 Referencias Cruzadas  

Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na otwa, na ɔrehu amane pii; ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsu mu.


sɛ: Owura, m’abofra da fie yare mmubui rehu amane dodo.


Nanso ne ho asɛm trɛwee mmom, na nkurɔfo akuwakuw pii behyiae sɛ wobetie no, na wasa wɔn nyarewa.


Eyi ne ɔkan a edi kan bere a Kirenio yɛ Siria amrado no.


Na Yesu teɛteɛɛ no, na honhommɔne no fii ne mu, na efi dɔn no ara mu na abofra no yare no gyaee.


Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!


Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yare maa mum no kasae, na ohuu ade.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


na wɔkyerɛw nhoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafo ne anuanom mpanyimfo no kyia anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na wɔde obi a ɔyare mmubui a nnipa baanan so no brɛɛ no.


Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.


Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.


Na Yesu nam Honhom Kronkron no ahoɔden mu san baa Galilea, na ne ho asɛm trɛwee asase a atwa ahyia no so nyinaa.


Na ne ho asɛm fii hɔ trɛw kɔɔ Galilea nsaase a atwa ahyia ho nyinaa so.


Ɛbere no mu no, ɔmansinhene Herode tee Yesu nka,


Na Dawid din hyetaa nsaase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu baa amanaman no nyinaa so.


Na Seba hemmaa tee Solomon nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbae sɛ ɔde mmebusɛm a emu dɔ rebɛsɔ no ahwɛ.


Na onim nyansa sen nnipa nyinaa, ɔsen Esrani Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahol mma no, na ne din hyetaa amanaman nyinaa mu hyiae.


Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.


Ebinom se: Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne betumi abue anifuraefo ani anaa?


Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.


Na eyi ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so.


Na oduu asuogya noho, Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn so fi aboda mu behyiaa no; wɔyɛ keka sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.


Ɛnna Dawid de bansifo kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Aram, na Siriafo yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa.


Na me tumi nyinaa na mede masiesie me Nyankopɔn fi no ho sika mama sika ade, ne dwetɛ mama dwetɛ ade, ne kɔbere ade ho kɔbere, dade nso dade ne nnua ade nnua, apopobibiri abo ne nhyehyɛmu abo, abo sransran ne abo nworannworan ne aboɔden abo nyinaa ne abo fufu pii pa.


Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe.


Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.


Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew.


Na ɔsɔre fii hyiadan no mu hɔ baa Simon fi. Na atiridii dennen bi abɔ Simon n’asebea, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no.


Na nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi!


Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛse teɛɛm fii adi, na mmubuafo ne mpakye pii ho sanee.


Na ne ho asɛm yi trɛwee Yudea nyinaa ne asase a atwa ho ahyia nyinaa so.


Eyi akyi no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔw no so no bae ma wɔsaa wɔn yare.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios