Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:23
46 Referencias Cruzadas  

Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.


Wɔkae wɔn komam sɛ: Momma yemmia wɔn nkɔ fam prɛko. Wɔahyehyew Onyankopɔn ahyiae nyinaa, asase yi so.


Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.


Na ofii hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu.


Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.


Na ɔkɔɔ n’agya kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fi?


Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.


Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.


Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.


Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.


Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne.


Na ɔsaa nnipa pii yare nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree no so sɛ wobesuso no mu.


Na homeda dui no, ofii ase kyerɛkyerɛe hyiadan mu; na nnipa pii a wɔtee ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: Ɛhena na oyi nkonyaa nneɛma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no, na saa ahoɔdenne a ɔde ne nsa yɛ yi ase ne dɛn?


Na wɔn gye a wonnye nni no yɛɛ no nwonwa. Na okyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.


Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.


Na ɔkyerɛkyerɛe hyiadan bi mu homeda.


Mmara ne adiyifo no bɛpem Yohane so; na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam anibere so kɔ mu.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so,


Na Yesu nam Honhom Kronkron no ahoɔden mu san baa Galilea, na ne ho asɛm trɛwee asase a atwa ahyia no so nyinaa.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare.


Na ɔne wɔn sianee no, obegyinaa baabi a ɛhɔ yɛ tamaa: Ɔne n’asuafo bebree ne nnipa pii a wofi Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano, a wɔbae sɛ wobetie no, na wasa wɔn yare,


Na ɛbae sɛ homeda foforo bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.


Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yare ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afura no, ɔma wohuu ade.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo;


Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho,


Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, wodii n’akyi; na ogyee wɔn kaa wɔn Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ehia wɔn yare.


Na Yesu see no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!


Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.


Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa eyinom.


Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.


Na afei, hwɛ, minim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahenni no ho asɛm no nyinaa renhu m’anim bio.


kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan.


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios