Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, “Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase sɛ, “Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:17
26 Referencias Cruzadas  

Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.


Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade anibere so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anuɔden so.


Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.


Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu.


Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ asawu a wɔde guu po mu na ebumaa nam horow nyinaa bi;


Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!


Ɛnna wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wɔrekohyia ayeforokunu no ho.


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.


Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.


Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.


Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem.


Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa, (na nkurɔfo dwen sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,


Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.


Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare.


Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu.


Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim no so, na afei de, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene,


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fakyɛ, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.


na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.


Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne,


Enti momma yɛmfa mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ nea ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakra ne Onyankopɔn ho gyidi,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios