Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 3:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛhɔ ara, nne bi fi ɔsoro kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

17 Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 3:17
18 Referencias Cruzadas  

Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


AWURADE trenee nti na ɛsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛse na anya anuonyam.


Na ɔsɔfo no mfa biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no AWURADE anim mfi n'ahosen no mu.


Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo.


Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!


Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!


Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no!


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Na ɛnne bi fi mununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, muntie no!


Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse a ɛsen eyinom, na ayɛ mo nwonwa.


Na Agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse. Moante ne nne ara da, nso moanhu ne suban;


na ama wɔayi n'adom a ɔde adom yɛn, wɔ ne Dɔba mu no anuonyam ayɛ.


sɛ wayi yɛn afi sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahenni mu.


Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,


Yegye nnipa adanse a, Onyankopɔn adanse so kyɛn no, na Onyankopɔn adanse ne adanse a wadi ne ba ho no.


Na metee nne bi fi soro te sɛ nsu bebree nne ne aprannaa kɛse nne. Na nne a metee no te sɛ asankubɔfo a wɔrebɔ wɔn asanku.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios