Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 28:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 28:9
18 Referencias Cruzadas  

Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye.


Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Na wɔkotow sɔree no, na wɔde anigye kɛse san baa Yerusalem.


Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma.


na obegyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne tinwin popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho.


Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.


Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.


Ɛnna da a edi nnawɔtwe kan no ara, eduu anwummere na Yudafo ho hu nti wɔatoto apon mu faako a asuafo no ahyia hɔ no, Yesu ba begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo!


Na ɔbɔfo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom wo! Awurade ka wo ho.


Wuhyia nea ɔde anigye di asɛntrenee, wɔn a wɔkae wo, w’akwan so no. Hwɛ, wo bo fuwii, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dabidabi yi, na wobegye yɛn nkwa anaa?


ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!


Na wofii ɔda no ho ntɛm ara de ehu ne anigye kɛse tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafo no.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios