Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 28:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu. Na hwɛ, odi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no; hwɛ, maka makyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.’ Yei ne nkra a mewɔ de ma mo.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu. Na hwɛ, odi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no; hwɛ, maka makyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 28:7
20 Referencias Cruzadas  

Na me sɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.


Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ.


Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.


Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi.


reka sɛ: Awurade anyan ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon.


Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkae no; na wɔnnye nso anni.


Na ɔkɔe kɔka kyerɛɛ wɔn a wɔne no tenae a wɔn werɛ ahow na wɔresu no.


Na me wusɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea.


Hwɛ, maka makyerɛ mo dedaw.


Monkasa, monka mo asɛm: Ma wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyi fi teteete na ɔkae fi tete bemee? So ɛnyɛ me, AWURADE? Na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko, Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa; obi nni baabi gye me nko.


Mommma mo bo nntu, na munnsuro! Ɛno emfi tete bemee na mema wɔtee na mekae? Na mone m’adansefo. So Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan bi nni hɔ; minnim obi.


Ɛno akyi ɔmaa anuanom bɛboro ahanum huu no prɛko; wɔn mu pii da so tete ase, na ebinom nso adeda.


Na wofii ɔda no ho ntɛm ara de ehu ne anigye kɛse tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios