Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Yiw, ɔde ne ho too Nyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a, ma onye no ɛ; efisɛ ɔkae sɛ: Onyankopɔn ba ne me!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei ma Onyankopɔn nnye no! Waka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Yiw, ɔde ne ho too Nyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a, ma onye no ɛ; efisɛ ɔkae sɛ: Onyankopɔn ba ne me!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:43
17 Referencias Cruzadas  

Dan to AWURADE so, ma onnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma onyi no.


adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti?


Yudafo no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


Me ne agya no yɛ baako.


sɛ: Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛnnua no ho si fam!


Sɛ monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia ni: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to no so no nnnyigye wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asaria hene nsa.


Na mommma Hesekia nnto mo tɛkrɛmakyene sɛ: AWURADE begye yɛn: So amanaman anyame mu biara agye n’asase afi Asaria hene nsam?


nanso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Ogye ara na AWURADE begye yɛn, wɔremfa kurow yi nhyɛ Asaria hene nsa.


ka sɛ: Onyankopɔn agyaw no; muntiw no nkyere no, na obi nni hɔ a obegye no.


Ahohora a m’ahohiafo bɔ me no yɛ me sɛ me nnompe redwerɛw, sɛ daa wose me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


Mobɛhwete ahiafo atirimpɔw mu ara de, nanso AWURADE ne wɔn guankɔbea.


Nnipa bebree se me sɛ: Onni nkwagye Onyankopɔn mu. Sela


Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!


Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanyimfo no nso yii no ahii sɛ: Ogyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma onnye ne ho ɛ!


na wɔkae sɛ: Sɛ woyɛ Yudafo hene a, gye wo ho!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios