Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:42 - KYERƐW KRONKRON

42 sɛ: Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma omfi asɛnnua no ho nsi fam, na yebegye no adi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 sɛ: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 “Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 sɛ: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 “Ɔgye afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfoɔ ɔhene no ampa ara a, siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 sɛ: Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma omfi asɛnnua no ho nsi fam, na yebegye no adi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:42
14 Referencias Cruzadas  

bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.


Na wɔde n’afɔdisɛm a wɔakyerɛw no fam n’atifi sɛ: Yesu, Yudafo hene no ni!


sɛ: Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛnnua no ho si fam!


Saa ara nso na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo ne mpanyimfo no goruu ne ho


Saa ara na asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no dii ne ho fɛw wɔ wɔn ntam sɛ: Ogyee ebinom, na ontumi nnye ne ho.


Afei ma Kristo no, Israel hene, mfi asɛnnua no so nsi fam, na yenhu na yennye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no.


sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ sorosoro noho.


Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanyimfo no nso yii no ahii sɛ: Ogyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma onnye ne ho ɛ!


na wɔkae sɛ: Sɛ woyɛ Yudafo hene a, gye wo ho!


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!


Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase.


Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifuraefo no, mprenu so, na wosee no sɛ: Fa anuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn de, yenim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛfo.


Wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yare a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios