Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:74 - KYERƐW KRONKRON

74 Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

74 Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

74 Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!” Amono mu hɔ ara na akokɔ bɔnee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

74 Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

74 Petro hyɛɛ aseɛ dii nse, kekaa ntam sɛ, “Mennim onipa no!” Amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

74 Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:74
19 Referencias Cruzadas  

Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.


Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.


Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!


Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na ofii adi kosui yayaayaw.


Na ɔman mu no nyinaa buae sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.


Na Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.


Na ɔsanee sɛ: Minnim na mente nea woka yi ase po. Na ofii adi kɔɔ abrannaa no mu, na akokɔ bɔnee.


Na Petro se: Barima, minnim nea wuse yi. Na amonom hɔ ara a ogu so kasa no, akokɔ bɔnee.


Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee.


Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo,


Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, onnue! Maranata: (Yɛn Awurade, bra!)


Dodow a medɔ wɔn no, miyi wɔn ntɛn na metwe wɔn aso; enti bɔ mmɔden na sakra w’adwene!


Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.


Na yɛn de, yɛrentumi mfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware, efisɛ Israelfo akeka ntam sɛ: Nnome nka nea ɔde ɔbea bi bɛma Benyamin aware.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios