Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:61 - KYERƐW KRONKRON

61 sɛ: Oyi aka sɛ: Metumi madwiriw Onyankopɔn asɔredan, na mato no nnansa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

61 sɛ: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

61 se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

61 sɛ: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

61 sɛ, “Saa onipa yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

61 sɛ: Oyi aka sɛ: Metumi madwiriw Onyankopɔn asɔredan, na mato no nnansa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:61
22 Referencias Cruzadas  

Na wɔkae sɛ: Twe wo ho fi hɔ! Na wose: Saa onipa yi bae bɛyɛɛ ɔhɔho, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufo yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛn wɔn. Na wɔhyɛɛ Lot so dennen twiw bae sɛ wobebubu pon no.


na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo.


Na Yehu fii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Eye anaa? Ɛdɛn nti na ɔbɔdamfo yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim ɔbarima no ne ne nsɛnkekae.


Saa na AWURADE, Israel dimafo, ne kronkronni no ka kyerɛ nea wobu ne kra animtiaa, nea ɔman kyi no, nea ɔyɛ nhyɛsofo akoa no sɛ: Ahene behu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso na wɔakotow asɔre, AWURADE a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel kronkronni a ɔpaw wo no ntia.


Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, wobuu no animtiaa na yɛammu no hwee.


Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.


Na ɔsɔfo panyin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi?


Na ofii adi kɔɔ abrannaa no so hɔ no, abaawa foforo bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!


sɛ: Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛnnua no ho si fam!


Na ɔtow nnwetɛbona no guu asɔredan mu fii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛn ne mene.


Yɛate sɛ ɔka sɛ: Medwiriw asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.


Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no wosow wɔn ti kae sɛ: Ao, wo a wudwiriw asɔredan na wusi no nnansa ni!


Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.


Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi de, yennim faako a ofi.


Na Epikurofo ne Stoafo anyansafo bi nso ne no dii anobaabae. Ebinom kae sɛ: Ɔpɔtɔnii yi se dɛn ni? Na ebinom se: Wayɛ sɛnea ɔka abosom ahɔho bi ho asɛm (efisɛ ɔkaa wɔn Yesu ne ɔsɔre ho asɛmpa no.)


kae sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Nyankopɔn.


Na wotiee no beduu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi fi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios