Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:39 - KYERƐW KRONKRON

39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ, na nyɛ deɛ mepɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:39
27 Referencias Cruzadas  

Na Abram daa hɔ de n'anim butuw fam; na Onyankopɔn ne no kasae sɛ


Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, mini, ma ɔnyɛ me sɛnea eye n’ani so.


Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.


AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mantew atua mansan m’akyi.


Ne saa nti mɛkyɛ ade mu mama no, nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu, na wɔabu no afra mmaratofo, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo.


sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam, Israelfo asafo bagua no nyinaa anim.


Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?


Na Yesu buae sɛ: Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ mubetumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wosee no sɛ: Yebetumi.


Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ eyi rentwa me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.


Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani.


Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!


Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrante no hyɛ boha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


Petro fitii ara pɛ na Kornelio kohyiaa no, hwee ne nan ase sɔree no.


ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, yiw, asɛnnua ho wu mu po.


Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios