Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:33 - KYERƐW KRONKRON

33 Na Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Petro buae se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

33 Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:33
15 Referencias Cruzadas  

W’anammɔn no ara so na me kwan nam, m’anan anwatiri.


Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeyɛ, na onipa ɔnokwafo de, hena na obehu no?


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


Na me sɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea.


Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.


Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua.


Na Petro see no sɛ: Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu.


Ɛnna wodidi wiei no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguammaa!


Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.


Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ara mo ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios