Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na ose: Monkɔ kurow no mu asiamasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se: Me bere abɛn; wo nkyɛn na me ne m’asuafo rebedi Twam (afahyɛ) no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Obuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asiamasi nka nkyerɛ no se, ‘Kyerɛkyerɛfo no se, Me bere abɛn, na wo fi na me ne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monkɔ kuro no mu nkɔhunu ɔpanin asomasi nka nkyerɛ no sɛ, ‘Yɛn Wura se, ne berɛ abɛn, na wo fie na ɔne nʼasuafoɔ no bɛdi Twam Afahyɛ no.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na ose: Monkɔ kurow no mu asiamasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se: Me bere abɛn; wo nkyɛn na me ne m’asuafo rebedi Twam (afahyɛ) no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:18
18 Referencias Cruzadas  

Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.


Nanso wɔmmfrɛ mo awuranom; na obiako ne mo wura, ɔne Kristo no.


Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Na asuafo no kɔyɛe sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam (afahyɛ) no.


Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ofew n’ano.


Ogu so rekasa no, wofi hyiadan mu panyin no fi bae bɛkae sɛ: Wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no?


Me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no, moankyere me; na eyi ne mo bere ne sum tumi.


Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔrefrɛ wo.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.


Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.


Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam,


Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo).


Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me de, me bere nnya nnui, na mo bere de, edu daa.


Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase; efisɛ me bere nnya nnui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios