Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wɔ wiase afanan nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Sɛ moyɛ me deɛ enti, wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ, na wɔakum mo wɔ ewiase afanan nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:9
26 Referencias Cruzadas  

Treneefo akyide ne onipa busufo, na ɔbɔnefo akyide ne nea ne kwan yɛ tee.


Na ɔman no mu wɔn a wonim de no bɛma nnipa bebree anya nhumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrante ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne afow mu, nna bi.


Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkum wɔn.


Hwɛ, eyi nti na meresoma adiyifo ne anyansafo ne Kyerɛwfo aba mo nkyɛn, na mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyiadan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu;


Eyi nti nso na Onyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo.


Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.


Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.


Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na Fekuw yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.


Na wɔresiw Stefano abo no, ɔfrɛe sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!


Na sɛ ohu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma ɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ din yi mu.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Minim nea wote, nea Satan ahengua si, na wukura me din mu, na woampa me gyidi, nna a wokum me dansefo nokwafo Antipa wɔ mo hɔ no mu, nea ɔbonsam te hɔ.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios