Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Aman bɛsɔre wɔ aman so, na ahenni asɔre wɔ ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so, na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:7
20 Referencias Cruzadas  

Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman, ne kurow ne kurow, na Onyankopɔn de ahohia nyinaa tanee wɔn ani.


Na mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim, na wɔne wɔn ho wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.


Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo, ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na menne sɛ mɛma m’atemmude bɔne anan, nkrante ne ɔkɔm ne mmoa bɔne ne owuyare, aba Yerusalem so de atwitwa nnipa ne mmoa afi mu.


Ɔsɛe, ɔsɛe ɔsɛe na mɛdan no; sɛ ebi mmae da na eyi nso rentena hɔ daa, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.


Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa.


Na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba; na ahude ne nsɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba.


Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam Honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio bere so no.


Na mɛma anwonwade aba ɔsoro, na nsɛnkyerɛnne aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne owusiw kumɔnn.


Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nneɛma a wɔwosow no nsakrae, sɛ ɛyɛ ade a wɔayɛ, na nneɛma a ɛnwosow no atena hɔ.


Na ɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no, mihui, na asase wosowee kɛse, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitam, na ɔsram dan sɛ mogya.


Na ɔtew nsɔano a ɛto so abiɛsa no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no se: Bra! Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam.


Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Yɛ awi susukora denare, na yɛ aburow susukora abiɛsa denare; nanso ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!


Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi ni, na nea ɔte no so no din de Owu, na asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa afoa ne ɔkɔm ne owu ne asase so mmoa nkunkum wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios