Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma ammetu ne dan ase amma mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Sɛnea sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma ammetu ne dan ase amma mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:43
18 Referencias Cruzadas  

Na munhu eyi sɛ, sɛ ofiwura nim dɔn ko a owifo bɛba a, anka wamma wɔammetu ne dan ase anhyɛn mu.


Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.


Na ɛkaa wɔn nsa no, wonwiinwii hyɛɛ ofiwura no


Na ofiwura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri;


Na ahemadakye nnɔnabiɛsa rekɔ no, Yesu nam po so kɔɔ wɔn nkyɛn.


Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.


Na wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu.


Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Na ohuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ahare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnabiɛsa ne nnɔnsia ntam no, ɔnam po ani baa wɔn nkyɛn, na ɔrepɛ atwa wɔn ho.


Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa,


Na sɛ ɔba ɔdasu a ɛto so abien anaa abiɛsa mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn!


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.


Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.


(Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu ne kwaterekwa).


Esum mu na wohwirewhwirew adan mu; wɔto wɔn ho pon mu awia, wonnim hann.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios