Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 “Nokware, sɛ wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 “Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:22
13 Referencias Cruzadas  

Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a, wɔbɛsan ahyew wɔn bio, sɛ odum anaa dupɔn a wɔatow ahwe fam, na esin si hɔ: Na asefo kronkron ne ne dunsin no.


Na wobetwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu abien ma adwerɛw, nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no, wobegyaw wɔ so, Awurade asɛm ni.


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kurow no, na wɔafow afi no, na wɔahura mmea no ho, na kurow no fa afi akɔ atukɔ mu, na ɔman no nkae de, wɔrentwitwa wɔn mfi kurow no mu.


Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no de, wɔyɛ kakraa bi.


Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.


Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a woyii wɔn no nti, obetwa nna no so.


Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,


Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam.


Petro, Yesu Kristo somafo, de kɔma wɔn a wɔahwete akɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu amamfrafo a wɔayi wɔn,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios