Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no, sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (nea ɔrekenkan no, ma ɔnte ase!)

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 “Enti sɛ muhu ‘abusude a ɛde ɔsɛe ba’ a Odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, ma nea ɔkenkan no nte ase,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 “Enti, sɛ mohunu ‘Adeɛ a Ɛyɛ Hu’ a, Odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no, sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (nea ɔrekenkan no, ma ɔnte ase!)

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:15
19 Referencias Cruzadas  

Na eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahu sɛ me nsɛm no aba mu wɔ mo ho ayɛ mo bɔne:


Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso te, na fa wo koma to nea merema woahu no nyinaa so; na sɛ ɛbɛyɛ na mama woahu nti na wɔde wo baa ha. Ka nea wuhu yi nyinaa kyerɛ Israel fi.


Na wɔn mu bi a wofi Yudafo mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;


Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no, na wɔde amamfoyɛ akyide no asi hɔ.


Na efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfoyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.


Wo nkotɔsrɛ mfiase mu no, asɛm bi fi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, efisɛ wɔdɔ w’asɛm sɛ; enti te asɛm no ase, na hu adehu no mu.


Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.


Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako; na dapɛn no fa mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae, na amamfoyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛe pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfoyɛfo no so.


Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.


Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so;


Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo betwa wo ho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara,


Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnne munhu sɛ ne sɛe abɛn.


Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.


Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafo nso aba asɔrefi de efi abɛka kronkronbea ha yi.


Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka.


Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi.


Nhyira ne nea ɔkekan ne wɔn a wotie adiyi nsɛm no, na wɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no sie; na ɛbere no abɛn.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios