Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:7 - KYERƐW KRONKRON

7 ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ wode obu kyia wɔn wɔ abɔnten so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a ɛyɛ wɔn dɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ wode obuo kyea wɔn abɔntene so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:7
19 Referencias Cruzadas  

Na hena ho na mede nnɛ mma yi bɛtoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn mfɛfo sɛ:


Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Ɛnna Yuda a oyii no mae no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Obuaa no sɛ: Woaka.


Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ofew n’ano.


Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade!


Na Petro kaee see no sɛ: Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu!


Na osee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew ne gua so nkyia


Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano.


Na Petro bua see Yesu sɛ: Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako ne Elia de biako.


Mo Farisifo, munnue, sɛ mopɛ mpanyin tenabere hyia adan mu ne gua so nkyia.


Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


Asuafo no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara na Yudafo rehwehwɛ sɛ wosiw wo abo, na worekɔ hɔ bio yi?


Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo).


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, nea ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya noho a wudii ne ho adanse no, hwɛ, ɔno nso bɔ asu, na nnipa nyinaa ba ne nkyɛn.


Saa bere no mu na n’asuafo no see no sɛ: Rabi, didi!


Na wohuu no ɛpo no agya no, wosee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?


Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifuraefo yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios