Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne nhaban bi so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no, a ɛyɛ atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw nkae no nso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ ne nokwaredi. Ɛwɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ dudu wɔ afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ moyiyi ntotosoɔ dudu no deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya nneɛma a ɛsom bo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne nhaban bi so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no, a ɛyɛ atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw nkae no nso.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:23
16 Referencias Cruzadas  

Na mo Farisifo, munnue sɛ moma ɛme ne onunum ne fan nyinaa so ntotoso du du, na mugyaw atemmu ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nea ɛka ho no.


Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea AWURADE hwehwɛ wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.


Na mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.


Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.


Na Samuel kae sɛ: So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie AWURADE anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.


Asɛntreneedi ne atemmu sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ.


Na asase no so aduan ntotoso du du a efi asase so aduan ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.


Midi mmuada nnawɔtwe mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema.


Na sɛ anka mote eyi ase sɛ: Mmɔborohunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wonni fɔ no fɔ;


So ɛnyɛ sɛ, ɔma ani taa wie a, ogu ɛme na ɔpete tɛtɛ, na odua awi kyerɛpɛn kyerɛpɛn, ne atoko nso wɔ n’afa, ne eyi wɔ afuw no ano?


Sɛ AWURADE se ni: Mummu atɛntrenee, nyɛ adetrenee, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na ɔhɔho, ayisaa ne okunafo, monnhyɛ wɔn so, mommmɔ wɔn atirimmɔden, na mogya a edi bem nso, munnhwie nngu ɛha yi.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios