Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na obi ka afɔremuka ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛde a egu so no de a, ɛkyekyere no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu soɔ no ntam deɛ a, ɛkyekyere no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Na moka se, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekye onii! no’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu soɔ no ntam deɛ a, ɛkyekyere no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Na moka sɛ, ‘Sɛ obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu afɔrebukyia no so ntam deɛ a, ɛkyekyere onii no’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na obi ka afɔremuka ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛde a egu so no de a, ɛkyekyere no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:18
7 Referencias Cruzadas  

Munnue, mo kwankyerɛfo anifuraefo a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika de a, ɛkyekyere no.


Mo anifuraefo ne nkwaseafo! Nea ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho tew no?


Anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛde no anaa afɔremuka a ɛma ayɛyɛde no ho tew no?


Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra ade bi a, ommmu n'asɛm so; nea efi n'anom nyinaa, ɔnyɛ.


Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔremuka anim ofi yi mu a,


Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: Ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)


Na midi adanse bio mekyerɛ onipa biara a wotwa no twetia sɛ, etwa no sɛ odi mmara no nyinaa so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios