Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ motwa ɛpo ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa baako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuromani mmɔho mmienu sene mo ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ motwa ɛpo ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa baako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuromani mmɔho mmienu sene mo ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mokɔ ewiase afanan nyinaa sɛ mobɛnya onipa fua abɛfra mo mu. Na sɛ monya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sene sɛdeɛ moteɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ara.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:15
17 Referencias Cruzadas  

Na asase biara asase ne kurow biara kurow a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu so no, anigye ne ahosɛpɛw baa hɔ maa Yudafo no, apontow ne dapadi. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree dannan wɔn ho Yudafo, efisɛ na Yudafo no ho hu aka wɔn.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na Yohane huu Farisifo ne Sadukifo no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, osee wɔn sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?


Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na sɛ w’aniwa nifa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wo ho akwaa mu biako bɛsɛe, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


kae sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusu nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, trenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛteɛ no kɔntɔn anaa?


Na wɔn a wɔahyiam no paepaeem no, Yudafo ne wɔn a adan Yudafo nyamesurofo no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Onyankopɔn dom no mu.


Na Yudafo bi fi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wobetuu nkurɔfo akuwakuw no fo bɔne, na wosiw Paulo abo no, wɔtwee no fii kurow no mu susuwii sɛ wawu.


Na Yudafo asoɔdenfo no hwanyan amanaman mufo no ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne.


Na Yudafo a wofi Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyan hɔfo no nso.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo,


Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani.


Ayɛ sɛnea ebinom pɛ mo yiyedi ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wosiw mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom.


Dodow a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ muntwa twetia.


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios