Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 22:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna ɔhene no see asomfo no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Afei ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔtow no nkyene akyirikyiri sum mu, nea osu ne setwɛre wɔ no.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna ɔhene no see asomfo no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 22:13
21 Referencias Cruzadas  

na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Eyinom yɛ mmura a nsu nni mu, suwusiw a mframa bɔ huu de rekɔ, wɔn na wɔde sum kabikabi asie wɔn.


Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu a,


Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, ne yi a woyi wɔn fi Awurade anim ne ne tumi anuonyam ho,


Ɛhɔ na mubesu atwɛre mo se sɛ muhu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa Onyankopɔn ahenni mu, na mo de, wɔapam mo afi mu.


na wabetwitwa ne mu asinasin, na wama ɔno ne nyaatwomfo anya kyɛfa. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


na wɔatow wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwɛre wɔn se.


na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se.


Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko.


po asorɔkye a ehuru a epuw wɔn ankasa aniwu gu, nsoromma a ekyinkyin a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Na abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea no, ɔde daa ahama akyekyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.


Na wɔtee eyinom no, wɔn ani beree, na wɔtwɛree wɔn se guu no so.


Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!


Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akɔfow n’afide, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na wafow ne fi.


Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden! Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio.


Ɔbɔnefo behu ma ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwow; abɔnefo ade a wɔpɛ bɛyera.


Ɔbɔnefo susuw ɔtreneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu no so:


na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyee ne nan ne ne nsa kae sɛ: Sɛnea Honhom Kronkron se ni: Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, Yudafo a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekye no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa.


Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, woyɛ aberante no, wobɔɔ abɔso, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wunya bɔ akora a, wobɛteɛ wo nsa, na obi abɔ wo abɔso, na ɔde wo akɔ nea wompɛ.


na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfo, sɛ wɔnkyere Sadrak, Mesak ne Abednego mfa wɔn nkogu ogya a ɛrefram fononoo no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios