Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 22:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔho a wɔaba no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔbɛhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔbɛhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔho a wɔaba no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 22:11
25 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ ntade dan so no sɛ: Yiyi ntade brɛ Baal nkoa no nyinaa. Na okoyii ntade no de brɛɛ wɔn.


Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden! Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;


Anaasɛ ɔpa na woapa yɛn koraa, so wo bo afuw yɛn mmoroso?


Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso, wɔn a wose wɔn komam sɛ: Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no.


Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!


Na nkoa no fii adi kɔɔ akwan so kɔboaboaa dodow a wohuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔho bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma.


Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa n’awi ano akogu san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.


na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atade, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Na ɛyɛ Onyankopɔn trenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidi so hyɛn wɔn a wogye di nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa so. Na nsonoe biara nni mu,


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagyaw mu.


efisɛ, mo mu dodow a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.


na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokware trenee ne ahotew mu.


(Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu ne kwaterekwa).


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew maa no sɛ omfura. Na nwera pa no ne ahotefo trenee.


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios