Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 22:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na nkoa no fii adi kɔɔ akwan so kɔboaboaa dodow a wohuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔho bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na nkoa no firii adi kɔɔ akwan so, kɔboaboaa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayeforɔhyia dan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Asomfo no fii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodow a wohuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɔdan a wɔtoo pon wɔ mu no yɛɛ ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na nkoa no firii adi kɔɔ akwan so, kɔboaboaa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayeforɔhyia dan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono wɔ mu no yɛɛ ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na nkoa no fii adi kɔɔ akwan so kɔboaboaa dodow a wohuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔho bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 22:10
15 Referencias Cruzadas  

afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma;


Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodow ara a mubehu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforo apontow no ase.


Na wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.


sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodow a wɔayɛ bɔne na wɔnsakraa wɔn adwene, wɔn fi ne aguamammɔ ne ahohwisɛm a wodii no ho.


Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu,


Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios