Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 “Nea mereka ara ne sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wobebu ne nnɔbae no ho nkontaa pa akyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 “Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:43
13 Referencias Cruzadas  

Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. Eyinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfo.


Munhiɛ apon no na ɔman trenee nhyɛn mu, ɔman a wɔkora nokwaredi no.


Hwɛ, Awurade wɔ ɔhoɔdenfo ne otumfo bi, sɛ amparuwbo a ɛregu, ahum a ɛsɛe ade; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsu bebree a ɛyɛ den a ɛsram so ba no.


Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne a, ɛnne na Onyankopɔn ahenni anya aba mo so.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofo foforo a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne bere mu.


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?


Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.


Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.


Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios