Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:26
17 Referencias Cruzadas  

Na hena nti na wo koma tui na wusuroe, na wudii atoro na woankae me amfa anhyɛ wo koma mu yi? So me de, ɛnyɛ komm a mifi tete mayɛ nti na wunsuro me yi?


Anaasɛ adɛn nti na mufii adi? Mokɔhwɛɛ odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, ɔsen odiyifo mpo.


Na ɔpɛe sɛ okum no, nanso na osuro nkurɔfo no, efisɛ na wobu no sɛ odiyifo.


Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Yohane asubɔ no, efi he? Efi soro anaasɛ efi nnipa? Na wosusuwii wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, obese yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no anni?


Na wobuaa Yesu sɛ: Yennim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo.


Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no nanso, wosuroo nkurɔfo akuwakuw no, efisɛ wobuu no sɛ odiyifo.


Anaa yɛnka sɛ: Efi nnipa? Nanso wosuro nkurɔfokuw no; efisɛ nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ampa.


Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no, nanso na wosuro nkurɔfokuw no; na wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn. Na wogyaw no hɔ siim kɔe.


Na Herode suro Yohane, efisɛ onim sɛ ɔyɛ onipa trenee ne onipa kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yeraw no pii, nanso ɔde anigye tiee no.


Na Akyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa koso no mu akyere no dɔn no ara mu, nanso wosuroo ɔman no; efisɛ wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn.


Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, ɔman no nyinaa besiw yɛn abo; efisɛ wogye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifo.


Na asɔfo mpanyimfo ne Akyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu efisɛ wosuro ɔman no.


Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


N’awofo kaa eyi, efisɛ wosuro Yudafo no; na Yudafo no apam dedaw sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔne Kristo no a, wobetu no afi hyiadan mu.


Ɛnna ɔsafohene ne asomfo no fi hɔ kɔe kɔfaa wɔn bae, ɛnyɛ anibere so, efisɛ wosuro ɔman no sɛ anyɛ a, wobesiw wɔn abo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios