Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:23
12 Referencias Cruzadas  

Na ose: Hena na ɔde wo sii yɛn so otitiriw ne sennifo? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea wukum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ose: Asɛm no anya afi!


Na osee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom, na akatua a eye no na mede bɛma mo.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mebisa mo asɛm biako na sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede meyɛ nneɛma yi makyerɛ mo:


Na Yesu fii asɔrefi hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn sɛ wɔbɛkyerɛ no asɔrefi aban no.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metenaa asɔrefi mekyerɛkyerɛe daa, nanso moankyere me.


Na daa ɔkyerɛkyerɛe asɔrefi hɔ; na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne ɔman no mu atitiriw rehwehwɛ no akum no.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so,


Na wɔde wɔn begyinaa mfinimfini bisae sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ eyi?


Na nea ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no sum no kae sɛ: Hena na ɔde wo sii yɛn so panyin ne temmufo?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios